DOWNLOAD MP3 : Kojo Antwi – Adiepena

Kojo Antwi - Adiepena

Kojo Antwi - Adiepena

The Music Man who is well know as Kojo Antwi always give us hit after hit he has once again serve as a lovely tune tagged “Adiepena“. Stream and Download Adiepena free Mp3 by Kojo Antwi

Kojo Antwi – Adiepena Lyrics

Ade pa yɛ na (pronounced together as Adeɛ p’ɛna)
Ade pa yɛ na aah!
M’afrɛ wo w’ahomatorofoɔ no so ‘a thousand times’
Nanso ɛnne bi kakyerɛ me sɛ adum
Wowɔ ‘out of coverage area’, ama mennhu ade a menyɛ

Ade pa yɛ na aah!
Anka me ne wo na ɛbɔ nkosua tafre
Nti wo ampara na woayɛ me mu yi
Nti me ampara na woayɛ me sei
Wose wo ne me too nkwanta a, yɛapae

Ooh! oh! oh!
Menim sɛ wokaa sɛ mma menfrɛ wo biom
Menim sɛ wokaa sɛ mehu sɛ woreba koraa a, mentwa mu
Menim sɛ wokaa sɛ mehyia wo sunsum koraa a, menhwɛ na maankyea no
Nanso mayɛ ho biara mentumi o

Mepɛ sɛ mete wo ne ‘one more time’
Mepɛ sɛ mehu w’anim ɛbiom
Mepɛ ɛkwan ahua wo ho perfume
Ɛno ne me awerɛkyekyerɛ
Mepɛ sɛ wodɔ me ‘once again’

Ade pa yɛ na ooh!
Ɛnora anka truck kɛseɛ bi reyam me koraa
Sɛ na traffic light no asɔ ogya
Nanso wo ho adwendwen nti medwen sɛ na ɛse mentwa mu

Ade pa yɛ na ooh!
Anka metumi ase ɔsram apata wo a
Anka mɛtu akɔ soro te sɛɛ akrɔma, ate kyɛkyɛ nso aka ho
Ama w’akoma atɔ wo yamu

Menim sɛ wo a’warn’ me sɛ menso wo ho daɛ biom uuh!
Menim sɛ wokaa sɛ mebɛto sɛ obi reku wo koraa mentwa mu uuh!
Menim sɛ wokaa sɛ mehyia wo sunsum koraa menhwɛ na maanka ‘hello’
Hwɛ deɛ wose ayɛ me

Mepɛ sɛ mete wo ne dɛɛdɛ no ‘one more time’
Mepɛ sɛ mehu w’anim fɛfɛɛfɛ no ɛbiom
Mepɛ kwan ahua wo ho perfume
Ɛno na ɛma awerɛkyekyerɛ, mepɛ sɛ mete wo kasa dɛ no
Mepɛ sɛ mekan w’asene ahweneɛ
Mepɛ sɛ mesɔre anɔpa wɔ wo koko so ɛ
Mepɛ sɛ mesɔ wo nsa kɔ me sɔfo anim ɛ
Mepɛ sɛ
Mepɛ sɛ wodɔ me once again

Repeat
Ade pa yɛ na, wo ho ayɛ na Ade pa yɛ na aa! Ade pa yɛ na aa! (repeat)

M’adeɛ bi ayera, m’adepa bi ayera, ade pa yɛ na
Me ne wo na ɛbɔ kosuaa tafre
Wo ne m’adamfowaa, m’adeɛ bi ayrea, m’adepa bi ayera

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *