DOWNLOAD MP3 : Daddy Lumba – Sika Asem

Daddy Lumba - Sika Asem

Daddy Lumba - Sika Asem

Multiple award-winning Ghanaian musician Charles Kwadwo Fosu who is well known on stage as Daddy Lumba always give us hit after hit, he call this one “Sika Asem“. Stream and Download Sika Asem by Daddy Lumba

Daddy Lumba – Sika Asem Lyrics

Sɛ wose akyi nyɛ wo dɛ a
ɛhɔ a na wo tafereɛ ei
Odomankoma bɔɔ adeɛ no
ɔbɔɔ Koo Darkie de too awie mu
Na sɛ y’agya Africa hɔ
Abɛtena mm amanone aa ei
Akwantuo mu awerɛhoɔ
ɔberɛ ne nkrutu ndwuma yi
Darkie se ɔntumi awie mu biom ee
Na sɛ snow mu na ɔbɛwu ada aa
Mmm asɛm sɛbɛ
Hunu sɛ biribi di akyire ntira Daddy ee
Sika asem
Daddy ee lumba mensu oo
Sika asɛm
Sika na ɛma panin a
Panin ayɛ abɔfra oo
Sika asɛm

Odomakoma nhyehyɛe ne sɛ
Nnomaa anka wɔn ntakra sɛ no
ɛna wɔtu bɔmu ei
Fitaa ne tuntum mbɔ abira da
Nanso soboɔ beberebe yi akyi
Darkie sɛ medaso di buronii akyi a
Na sɛ nnɛ Koo Darkie se
Buronii kurom a na mɛwu m’ada
Nwura nye darkie aduane o
Barima ee na ɛyɛ animia
Anka yɛ bɛsan akɔdi yɛ fufuo
Na yɛ wɔ botayɛ bi si y’ani so ntira Daddy
Sika asem
Menuabaa mensu oo

Ɛyɛ sika asem
Sika na ɛma ɔdasani yɛ adeɛ a n’akoma kyiri oo
Aa ɛyɛ sika asem
Agyeiii menuabaa mensu oo
Ɛyɛ sika asem
Na adom akyɛ m’adeɛ oo
ɛnwomtoɔ na me se me de bɛyɛ m’adwuma Daddy ee
ɛberɛ me wie me nwom a ɛdikan
Yɛreyɛ aka akwantuo mu
Me nni ɔboafoɔ nti ɛnwom yi daa dan mu mfie meɛnsa a
Saa na etea ɛwɔ babiaa
ɔbiaa wɔ akyɛdeɛ a Ɔbɔadeɛ de kyɛɛ no
Nanso ɛnam sika asɛm nti yɛnsusuyɛ nyinaa aka yɛntiri mu aa
Sika asem
Aa aa aa Daddy Lumba mensu oo
Sika asɛm
Sika na ɛma panin a
Panin ayɛ abɔfra oo
Sika asɛm
Ntira ne beberebe yi
Adehye mma aka akwantuo mu yi
Sika asɛm
Sika na ɛma ɔdɔ gyina w”ate
Sikasɛm nti obi agye me dɔfɔ
Barima a medɔ me yere oo
Nso ɛnam sɛ me nni sika nti
Ɔbaa yi ntumi nhu dɔ a medɔ no
Obi de sika adaada me brɔnii
ɛnyɛ medɔ no n’ayɛ biribi
Aboa sika ntira na ama aba saa
Sika asem
Aa aa aa aa aa aa Ghana mbaa ee
Ɛyɛ sika asem
Aa aa akwantufoɔ ee ɛnma mo nsuo oo
Sika asɛm
Sika na ɛma panin a
Panin ayɛ abɔfra oo
Ɛyɛ sika asem
Osei Sammy ee
Kwarteng ee mensu oo
Ɛyɛ sika asem
Yaa Boatemaa menuabaa mensu oo
Ɛyɛ sika asem
Nana Yaw ee
Dada mensu oo
Sika asem
Mr Antwi ee
Ama Aferɛ se onsu oo
Sika asem
Aa aa aa aa aa
Sika asem
Maame Connie ee
Sika asem
Aa aa aa
Mama Rose oo
Sika asem
Sika na ɛma panin panin panin panin yɛ abofra oo
Sika asem
Ntira ne beberebe yi
Adehyeman mba aka akwantuo mu
Sika asem

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *